-
2 Samuel 15:2, 3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 Ná Absalom taa sɔre anɔpatutuutu kɔgyina kwankyɛn wɔ baabi a wɔfa kɔ kuro no pono ano no.+ Sɛ ɔbarima biara de n’asɛm reba ɔhene anim ama no abu atɛn a,+ Absalom frɛ no bisa no sɛ: “Wofiri kuro bɛn so?” na ɔno nso aka sɛ: “W’akoa firi Israel mmusuakuo no baako mu.” 3 Ɛba saa a, na Absalom aka akyerɛ no sɛ: “Hwɛ, w’asɛm yɛ dɛ na wodi bem, nanso obiara nni ɔhene nkyɛn a ɔbɛtie w’asɛm ama wo.”
-