28 Akyire yi a Dawid teeɛ no, ɔkaa sɛ: “Me ne m’ahennie nni Ner ba Abner mogya ho fɔ+ wɔ Yehowa anim da. 29 Ma no nsan mmɛgu Yoab ne ne papa fie nyinaa tiri so.+ Mma ɔbarima a ɔyare,+ kwatani,+ ɔbarima a ɔto asaawa, onipa a ɔbɛwu wɔ sekan ano anaa deɛ aduane abɔ no+ mmpa Yoab fie da!”