1 Berɛsosɛm 21:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama maboto paa. Mesrɛ wo, mma onipa nntwe m’aso,*+ ma Yehowa mmom ntwe m’aso, ɛfiri sɛ ne mmɔborɔhunu dɔɔso pii.”+ Dwom 86:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Nanso Yehowa, wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn a wowɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehyeɛ,*Wo bo mfu ntɛm, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano, na wo nokorɛdie dɔɔso.+ Yesaia 55:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+Na onipabɔnefoɔ nsakra n’adwene;Ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+Ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde bɛkyɛ no aboro so.*+ 2 Korintofoɔ 1:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn+ a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya+ ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn+ no. Yakobo 5:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Hwɛ! Wɔn a wɔamia wɔn ani agyina mu no, yɛka sɛ: “Wɔwɔ anigyeɛ.”*+ Moate Hiob animia+ ho asɛm na moahunu deɛ Yehowa* maa no firii mu baeɛ;+ moabɛhu sɛ Yehowa* wɔ ayamhyehyeɛ* ne mmɔborɔhunu.+
13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: “Asɛm yi ama maboto paa. Mesrɛ wo, mma onipa nntwe m’aso,*+ ma Yehowa mmom ntwe m’aso, ɛfiri sɛ ne mmɔborɔhunu dɔɔso pii.”+
15 Nanso Yehowa, wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn a wowɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehyeɛ,*Wo bo mfu ntɛm, wo dɔ a ɛnni hwammɔ nni ano, na wo nokorɛdie dɔɔso.+
7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+Na onipabɔnefoɔ nsakra n’adwene;Ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+Ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde bɛkyɛ no aboro so.*+
3 Ayeyie nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn+ a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya+ ne awerɛkyekyerɛ nyinaa Nyankopɔn+ no.
11 Hwɛ! Wɔn a wɔamia wɔn ani agyina mu no, yɛka sɛ: “Wɔwɔ anigyeɛ.”*+ Moate Hiob animia+ ho asɛm na moahunu deɛ Yehowa* maa no firii mu baeɛ;+ moabɛhu sɛ Yehowa* wɔ ayamhyehyeɛ* ne mmɔborɔhunu.+