1 Berɛsosɛm 29:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Afei nso, me Nyankopɔn fie a m’ani gye ho nti,+ me ara mede me sika kɔkɔɔ ne me dwetɛ nso aka ho ama me Nyankopɔn fie; mede aka biribiara a maboaboa ano asie+ ama efie kronkron no ho. Dwom 26:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Yehowa, efie a wote mu no, m’akoma da so;+Baabi a w’animuonyam te no.+ Dwom 69:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wo fie ho mmɔdemmɔ amene me,+Na wɔn a wɔgu w’anim ase no, wɔn animguaseɛ aba me so.+
3 Afei nso, me Nyankopɔn fie a m’ani gye ho nti,+ me ara mede me sika kɔkɔɔ ne me dwetɛ nso aka ho ama me Nyankopɔn fie; mede aka biribiara a maboaboa ano asie+ ama efie kronkron no ho.