Esra 3:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔde nnwontoɔ daa Yehowa ase yii no ayɛ; obiara gyee ne yɔnko so+ sɛ: “Ɔyɛ na ɔdɔ a ɔwɔ ma Israel no nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa nso de osebɔ kɛseɛ yii Yehowa ayɛ, ɛsiane Yehowa fie no fapem a wɔato nti. Dwom 106:47 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 47 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, gye yɛn;+Boaboa yɛn ano firi amanaman no nsam+Na yɛmfa aseda mma wo din kronkron no,Na yɛmfa ahosɛpɛ nyi wo ayɛ.*+ Yesaia 49:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɔsoro, bɔ ose; asaase, di ahurisie.+ Momma mmepɔ mfa anigyeɛ mmɔ ose.+ Ɛfiri sɛ Yehowa akyekye ne manfoɔ werɛ,+Na ɔhu wɔn a wɔrehunu amane no mmɔbɔ.*+ Yeremia 31:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Wɔbɛba abɛbɔ ose wɔ Sion bepɔ so,+Na wɔadi Yehowa papayɛ* ho ahurisie,Hwiit* ne bobesa foforɔ+ ne ngo ho,Ɛne nnwan mma ne anantwie ho.+ Wɔbɛyɛ* sɛ turo a anya nsuo pii,+Na wɔrenyɛ hahaaha bio da.”+
11 Wɔde nnwontoɔ daa Yehowa ase yii no ayɛ; obiara gyee ne yɔnko so+ sɛ: “Ɔyɛ na ɔdɔ a ɔwɔ ma Israel no nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”+ Ɛnna ɔman no nyinaa nso de osebɔ kɛseɛ yii Yehowa ayɛ, ɛsiane Yehowa fie no fapem a wɔato nti.
47 O Yehowa yɛn Nyankopɔn, gye yɛn;+Boaboa yɛn ano firi amanaman no nsam+Na yɛmfa aseda mma wo din kronkron no,Na yɛmfa ahosɛpɛ nyi wo ayɛ.*+
13 Ɔsoro, bɔ ose; asaase, di ahurisie.+ Momma mmepɔ mfa anigyeɛ mmɔ ose.+ Ɛfiri sɛ Yehowa akyekye ne manfoɔ werɛ,+Na ɔhu wɔn a wɔrehunu amane no mmɔbɔ.*+
12 Wɔbɛba abɛbɔ ose wɔ Sion bepɔ so,+Na wɔadi Yehowa papayɛ* ho ahurisie,Hwiit* ne bobesa foforɔ+ ne ngo ho,Ɛne nnwan mma ne anantwie ho.+ Wɔbɛyɛ* sɛ turo a anya nsuo pii,+Na wɔrenyɛ hahaaha bio da.”+