51 Yosef too ne ba panin no din Manase,*+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, “Onyankopɔn ama me werɛ afi m’amanehunu ne me papa fie nyinaa.” 52 Na ɔfrɛɛ deɛ ɔtɔ so mmienu no Efraim,*+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ, “Onyankopɔn ama m’ase atrɛ wɔ asaase a mabrɛ wɔ so no so.”+
12 Na Yehowa hyiraa Hiob awieeɛ senee ne mfitiaseɛ,+ na Hiob nyaa nnwan 14,000 ne yoma 6,000 ne anantwie 2,000* ne mfunumu abedeɛ 1,000.+13 Afei nso, ɔsan nyaa mma mmarima nson ne mma mmaa mmiɛnsa.+