32 Hwan na ɔyɛ Onyankopɔn ka Yehowa ho?+
Na hwan na ɔyɛ ɔbotan ka yɛn Nyankopɔn ho?+
33 Nokorɛ Nyankopɔn no ne m’abandenden,+
Na ɔbɛma me kwan adi mu.+
34 Ɔma me nan yɛ sɛ wansane deɛ,
Na ɔma megyina sorosoro.+
35 Ɔkyerɛ me nsa akodie;
Me basa tumi kuntunu kɔbere agyan mu.
36 Wode wo nkwagyeɛ kyɛm ma me,
Na w’ahobrɛaseɛ ma meyɛ kɛseɛ.+
37 Wotrɛ m’anammɔn kwan mu;
Me nan renwatiri.+
38 Mɛti m’atamfo akɔsɛe wɔn;
Merensan kɔsi sɛ mɛtɔre wɔn ase.
39 Mɛtɔre wɔn ase abubu wɔn, na wɔrensɔre bio;+
Wɔbɛhwe ase me nan ase.
40 Wobɛma me ahoɔden a mede bɛdi ako;+
Wobɛma m’atamfo ahwe ase me nan ase.+
41 Wobɛma m’atamfo adane wɔn ho adwane;+
Wɔn a wɔkyiri me no, mɛsɛe wɔn.+
42 Wɔsu hwehwɛ mmoa, nanso ɔgyefoɔ biara nni hɔ;
Wɔsu frɛ Yehowa mpo, nanso ɔmmua wɔn.+
43 Mɛyam wɔn muhumuhu sɛ fam mfuturo;
Mɛtiatia wɔn so awɔ wɔn sɛ abɔnten so atɛkyɛ.