7 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Wone ɔbarima no! Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie, ‘Me na mesraa wo de wo sii Israel so hene,+ na me na megyee wo firii Saul nsam.+
9 Adɛn nti na woabu Yehowa asɛm animtia ayɛ n’ani so bɔne yi? Wode sekan akum Hitini Uria,+ na woafa ne yere aware no;+ Ammonfoɔ sekan na wode kum no.+
6Anuanom, sɛ ɛba sɛ obi di mfomsoɔ ansa na n’ani aba ne ho so mpo a, mo a moyɛ Kristofoɔ a mo ho akokwa* no, mommɔ mmɔden mfa ɔdwoɔ*+ nnye onipa a ɔte saa no nsi yie. Nanso monhwɛ mo ho so yie,+ na mo nso wɔansɔ mo anhwɛ.+