-
1 Samuel 17:45, 46Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
45 Dawid nso ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: “Wode sekan ne pea ne pɛmɛ+ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn a woaka nsɛm de abu no animtia*+ wɔ akono no din na ɛreba wo so.+ 46 Ɛnnɛ yi ara, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa,+ na mɛku wo na matwa wo ti afiri so, na nnɛ, mede Filistifoɔ dɔm no afunu bɛma ewiem nnomaa ne asaase so mmoa, na asaase so aman nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel.+
-