2 Samuel 22:50, 51 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 50 O Yehowa, ɛno nti, mɛda wo ase wɔ amanaman mu,+Na mɛto ayeyi nnwom* ama wo din:+ 51 Nkwagyeɛ nnwuma akɛseɛ na ɔyɛ* ma ne hene,+Ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ deɛ wasra no no,Dawid ne n’aseni* daa.”+ 1 Berɛsosɛm 16:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Monto dwom mma no, monto ayeyi nnwom* mma no,+Monnwennwene n’anwanwadwuma nyinaa ho.*+ Romafoɔ 15:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 na ama amanaman no ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛsiane ne mmɔborɔhunu nti.+ Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɛno nti na mɛpae mu abɔ wo din wɔ amanaman mu, na mato ayeyi nnwom ama wo din”+ no.
50 O Yehowa, ɛno nti, mɛda wo ase wɔ amanaman mu,+Na mɛto ayeyi nnwom* ama wo din:+ 51 Nkwagyeɛ nnwuma akɛseɛ na ɔyɛ* ma ne hene,+Ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ deɛ wasra no no,Dawid ne n’aseni* daa.”+
9 na ama amanaman no ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛsiane ne mmɔborɔhunu nti.+ Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɛno nti na mɛpae mu abɔ wo din wɔ amanaman mu, na mato ayeyi nnwom ama wo din”+ no.