15 Merenyi me dɔ a ɛnni hwammɔ mfiri ne so sɛdeɛ meyi firii Saul so+ na metuu no adeɛ so wɔ w’anim no. 16 Wo fie ne w’ahennie bɛtim wɔ w’anim afebɔɔ, na w’ahennwa nso bɛtim afebɔɔ.”’”+
17 Natan kaa nsɛm yi ne anisoadehunu no nyinaa kyerɛɛ Dawid.+
6 Ɛnna Solomon kaa sɛ: “Woada ɔdɔ kɛseɛ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ me papa, w’akoa Dawid; ɔde nokorɛdie ne tenenee ne akoma a ɛdi mu nantee w’anim. Woakɔ so ada ɔdɔ kɛseɛ a ɛnni hwammɔ yi adi akyerɛ no abɛsi nnɛ; woama no anya ɔba ama no abɛtena n’ahennwa so.+