32 Ɔbɛyɛ onipa titire,+ na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoroni no Ba,+ na Yehowa* Nyankopɔn de n’agya Dawid ahennwa bɛma no,+33 na ɔbɛdi Yakob fie so hene afebɔɔ, na n’Ahennie remma awieeɛ da.”+
5 Ɛnna mpanimfoɔ no baako ka kyerɛɛ me sɛ: “Gyae su. Hwɛ! Yuda abusuakuo mu Gyata,+ Dawid+ nhini+ no, wadi nkonim,+ enti ɔbɛtumi atete nwoma mmobɔeɛ no ahyɛnsodeɛ nson no na wabue mu.”