1 Ahemfo 18:45 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 45 Mununkum maa wiem yɛɛ tumm, na mframa bɔe na nsuo kɛseɛ tɔe.+ Na Ahab de ne teaseɛnam kɔe ara kɔsii sɛ ɔduruu Yesreel.+ Yeremia 14:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Amanaman no abosonhunu no bi bɛtumi ama nsuo atɔ anaa?Ɔsoro mpo, ɛno ankasa bɛtumi ama nsuo atɔ anaa? O Yehowa yɛn Nyankopɔn, ɛnyɛ wo nko ara na wobɛtumi ayɛ weinom?+ Wo na yɛde yɛn ani ato wo so,Ɛfiri sɛ wo nko ara na woayɛ weinom nyinaa. Mateo 5:45 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 45 na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma.+ Ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so, na ɔma nsuo tɔ gu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ so.+
45 Mununkum maa wiem yɛɛ tumm, na mframa bɔe na nsuo kɛseɛ tɔe.+ Na Ahab de ne teaseɛnam kɔe ara kɔsii sɛ ɔduruu Yesreel.+
22 Amanaman no abosonhunu no bi bɛtumi ama nsuo atɔ anaa?Ɔsoro mpo, ɛno ankasa bɛtumi ama nsuo atɔ anaa? O Yehowa yɛn Nyankopɔn, ɛnyɛ wo nko ara na wobɛtumi ayɛ weinom?+ Wo na yɛde yɛn ani ato wo so,Ɛfiri sɛ wo nko ara na woayɛ weinom nyinaa.
45 na moakyerɛ sɛ moyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no mma.+ Ɛfiri sɛ ɔma n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so, na ɔma nsuo tɔ gu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ so.+