22 “Enti ka kyerɛ Israel fie sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ wei, na mmom me din kronkron a moguu ho fĩ berɛ a mokɔɔ amanaman no so ntira.”’+
19 O Yehowa, tie yɛn. O Yehowa, fa kyɛ yɛn.+ O Yehowa, yɛ aso tie yɛn na keka wo ho! O me Nyankopɔn, wo din nti, ntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ wo din na ɛda wo kuro ne wo man so.”+