Deuteronomium 24:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 “Sɛ wotwa w’afuo mu nnɔbaeɛ na wo werɛ fi nnɔbaeɛ a wɔakyekyere no bi a, nsan nkɔfa. Gya ma ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafoɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira deɛ woyɛ nyinaa so.+ Dwom 145:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Wo na obiara ani da wo so,Na woma wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu.+ Mmebusɛm 10:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yehowa remma ɛkɔm nne ɔteneneeni,*+Na ɔbɔnefoɔ deɛ, deɛ ne kɔn dɔ no, ɔremma ne nsa nka.
19 “Sɛ wotwa w’afuo mu nnɔbaeɛ na wo werɛ fi nnɔbaeɛ a wɔakyekyere no bi a, nsan nkɔfa. Gya ma ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafoɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira deɛ woyɛ nyinaa so.+