14 Ɛduru afahyɛ berɛ yi a, ma w’ani nnye,+ wo ne wo babarima, wo babaa, w’akoa ne w’afenaa, Lewini, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafoɔ a ɔwɔ wo kurom no.
16 “Afe biara mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa bɛba abɛgyina Yehowa mo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛyi ama moadi Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ,+ Nnawɔtwe Afahyɛ,+ ne Apata* Afahyɛ+ no. Na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara de nsapan ba Yehowa anim.
23 Ɛnna badwa no nyinaa yɛɛ adwene sɛ wɔde nnanson bɛka ho, na wɔde ahurisie dii no nnanson bio.+24 Na Yuda hene Hesekia de afɔrebɔdeɛ maa badwa no; ɔde anantwinini 1,000 ne nnwan 7,000 baeɛ, na mpanimfoɔ no nso de anantwinini 1,000 ne nnwan 10,000 baeɛ.+ Na asɔfoɔ no pii dwiraa wɔn ho.+