Yosua 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Menka nkyerɛɛ wo sɛ nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den anaa? Nsuro, na mmɔ hu, ɛfiri sɛ baabi a wobɛkɔ biara, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+ Yeremia 1:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Na wɔne wo bɛko,Nanso wɔrentumi wo,*Ɛfiri sɛ ‘medi w’akyi,+ na mɛgye wo,’ Yehowa na aka.” Romafoɔ 8:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Ɛnneɛ deɛn na yɛbɛka wɔ weinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔbɛtumi ne yɛn adi asie?+
9 Menka nkyerɛɛ wo sɛ nya akokoɔduro na ma wo ho nyɛ den anaa? Nsuro, na mmɔ hu, ɛfiri sɛ baabi a wobɛkɔ biara, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.”+