1 Samuel 16:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛdeɛ ɔte ne ne tenten,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛdeɛ onipa hwɛ adeɛ na Onyankopɔn hwɛ, ɛfiri sɛ onipa dasani hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam.”+ 2 Ahemfo 20:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 “O Yehowa, mesrɛ wo, kae sɛdeɛ mede nokorɛdie ne akoma mũ anante w’anim, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so.”+ Na Hesekia firii aseɛ suu pii. 1 Berɛsosɛm 29:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 O me Nyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ akomam,+ na deɛ n’abrabɔ di mu* na ɔsɔ w’ani.+ Me deɛ, akoma a emu teɛ* mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa aba, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma abɛboa ama m’ani agye aboro so.
7 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛdeɛ ɔte ne ne tenten,+ na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛdeɛ onipa hwɛ adeɛ na Onyankopɔn hwɛ, ɛfiri sɛ onipa dasani hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na Yehowa deɛ, ɔhwɛ akomam.”+
3 “O Yehowa, mesrɛ wo, kae sɛdeɛ mede nokorɛdie ne akoma mũ anante w’anim, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so.”+ Na Hesekia firii aseɛ suu pii.
17 O me Nyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ akomam,+ na deɛ n’abrabɔ di mu* na ɔsɔ w’ani.+ Me deɛ, akoma a emu teɛ* mu na mayi me yam de nneɛma yi nyinaa aba, na wo man a wɔwɔ ha yi nso, wɔayi wɔn yam de nneɛma abɛboa ama m’ani agye aboro so.