1 Samuel 15:13, 14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Berɛ a akyire yi Samuel kɔduruu Saul nkyɛn no, Saul ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa nhyira wo. Mayɛ deɛ Yehowa kaeɛ no.” 14 Ɛnna Samuel bisaa sɛ: “Na deɛn ne nnwan ne anantwie sũ a mete yi?”+ Dwom 36:1, 2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 36 Mmarato na ɛkyerɛ ɔdebɔneyɛfoɔ akoma kwan;Onyankopɔn ho suro nni n’ani so.+ 2 Ɔdaadaa ne ho paa wɔ n’akomam,Enti ɔnhu ne mfomsoɔ mpo na ayɛ no tan.+ Mmebusɛm 21:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Onipa akwan nyinaa yɛ papa wɔ n’ani so,+Nanso Yehowa na ɔhwehwɛ akoma* mu.+ Yeremia 17:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Akoma yɛ daadaafoɔ* sene biribiara, na ne ho yɛ ahomete.*+ Hwan na ɔbɛtumi ahunu deɛ ɛwɔ mu?
13 Berɛ a akyire yi Samuel kɔduruu Saul nkyɛn no, Saul ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa nhyira wo. Mayɛ deɛ Yehowa kaeɛ no.” 14 Ɛnna Samuel bisaa sɛ: “Na deɛn ne nnwan ne anantwie sũ a mete yi?”+
36 Mmarato na ɛkyerɛ ɔdebɔneyɛfoɔ akoma kwan;Onyankopɔn ho suro nni n’ani so.+ 2 Ɔdaadaa ne ho paa wɔ n’akomam,Enti ɔnhu ne mfomsoɔ mpo na ayɛ no tan.+