-
Mateo 27:3-5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Berɛ a Yuda a ɔyii Yesu maeɛ no huu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, ɔnuu ne ho, na ɔsan de nnwetɛbena 30 no kɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mpanimfoɔ no.+ 4 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mayɛ bɔne sɛ mayi onipa a ne ho nni asɛm ama.”* Wɔkaa sɛ: “Ɛfa yɛn ho bɛn? Ɛyɛ wo ara w’asɛm!” 5 Enti ɔtoo nnwetɛbena no guu asɔrefie hɔ, na ɔfirii hɔ kɔe. Na ɔkɔhyɛɛ ne ho akɔmfo.*+
-