-
2 Ahemfo 5:20-22Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 Gehasi+ a ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa Elisa+ somfoɔ no kaa no ne tirim sɛ: ‘Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman+ yi ama no kɔ kwa, na wannye deɛ ɔde baeɛ no. Sɛ́ Yehowa te ase yi, mɛtu mmirika ati no na makɔgye biribi afiri ne hɔ.’ 21 Enti Gehasi de mmirika tii Naaman. Berɛ a Naaman huu sɛ obi de mmirika di n’akyi no, ɛhɔ ara na ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no, na ɔbisaa no sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ anaa?” 22 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ. Me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, ‘Hwɛ! Seesei ara na mmeranteɛ mmienu bi a wɔfiri adiyifoɔ mma no mu firi Efraim mmepɔ mu aba me nkyɛn. Enti mesrɛ wo, ma wɔn dwetɛ dwetikɛseɛ baako ne ntaadeɛ mmienu.’”+
-
-
Yeremia 17:11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
Ɛbɛfiri ne nsa wɔ ne nkwa nna mfimfini,
Na awieeɛ no, obiara bɛhunu sɛ ɔyɛ kwasea.”
-