-
2 Berɛsosɛm 36:11-13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Sedekia+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 21, na ɔdii adeɛ mfeɛ 11 wɔ Yerusalem.+ 12 Ɔyɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn ani so bɔne. Wammrɛ ne ho ase amma odiyifoɔ Yeremia+ a ɔnam Yehowa asɛm so kasaeɛ no. 13 Ɔhene Nebukadnesar+ a ɔmaa no kaa ntam wɔ Onyankopɔn din mu no nso, ɔtee ne so atua; ɔkɔɔ so yɛɛ asoɔden* na ɔmaa n’akoma yɛɛ den, na wansan amma Yehowa, Israel Nyankopɔn nkyɛn.
-