-
1 Ahemfo 21:8-11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 Enti ɔtwerɛɛ nkrataa wɔ Ahab din mu de ɔhene ahyɛnsodeɛ tintim so,+ na ɔde nkrataa no kɔmemaa kurom hɔ mpanimfoɔ+ ne atitire a wɔne Nabot te no. 9 Nsɛm a ɔtwerɛɛ no nkrataa no mu ne sɛ: “Monhyɛ berɛ mma akɔnkyene,* na momma Nabot ntena badwafoɔ no anim. 10 Afei momma mmarima ahuhufoɔ mmienu ntena n’anim na wɔnni adanseɛ ntia no+ sɛ, ‘Woadome Onyankopɔn ne ɔhene!’+ Ɛno akyi no, momfa no mpue nkɔsi no aboɔ nku no.”+
11 Enti ne kuromfoɔ, kyerɛ sɛ, mpanimfoɔ ne atitire a wɔwɔ ne kurom hɔ no, yɛɛ deɛ Yesebel twerɛɛ wɔ nkrataa a ɔde kɔmaa wɔn no mu pɛpɛɛpɛ.
-
-
Yeremia 38:4, 5Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Na mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma wɔnkum ɔbarima yi,+ ɛfiri sɛ nsɛm a ɔrekeka kyerɛ asraafoɔ a wɔaka wɔ kuro yi mu ne ɔman no nyinaa no rebu wɔn aba mu.* Ɔbarima yi mpɛ ɔman yi asomdwoeɛ, na mmom mmusuo na ɔrepɛ ama ɔman yi.” 5 Ɔhene Sedekia kaa sɛ: “Hwɛ! Ɔwɔ mo nsam, na ɔhene rentumi nyɛ biribiara nsi mo kwan.”
-