Genesis 4:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 nanso Kain ne n’afɔreɛ no deɛ, n’ani ansɔ. Afei Kain bo fuu dendeenden na ɔmunaeɛ.* Ester 5:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Saa da no, Haman de anigyeɛ na ɛpueeɛ, na na n’akoma atɔ ne yam. Nanso berɛ a Haman huu Mordekai wɔ ɔhene pono ano hɔ, a ɔhuu sɛ Mordekai ansɔre na ne ho ampopo wɔ n’anim no, Haman bo fuu Mordekai.+ Mmebusɛm 14:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Deɛ ne bo fu ntɛm no, ɔdi nkwaseasɛm,+Na onipa a ɔdwene nneɛma ho yie no, wɔtan no. Mmebusɛm 14:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Deɛ ne bo mfu ntɛm no, ɔwɔ nhunumu pii,+Na deɛ ɔpere ne ho deɛ, ɔma obiara hunu ne nkwaseasɛm.+ Mmebusɛm 29:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Kwasea yi n’abufuo* nyinaa adi,+Na onyansafoɔ deɛ, ɔyɛ dinn hyɛ ne ho so.+
9 Saa da no, Haman de anigyeɛ na ɛpueeɛ, na na n’akoma atɔ ne yam. Nanso berɛ a Haman huu Mordekai wɔ ɔhene pono ano hɔ, a ɔhuu sɛ Mordekai ansɔre na ne ho ampopo wɔ n’anim no, Haman bo fuu Mordekai.+