-
1 Ahemfo 4:29-31Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
29 Na Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhunumu pii ne akoma a emu nteaseɛ dɔɔso te sɛ mpoano anwea.+ 30 Ná Solomon nyansa dɔɔso sene Apueeɛ Famfoɔ nyinaa nyansa ne Egyptfoɔ nyansa nyinaa.+ 31 Ná ɔnim nyansa sene onipa biara; Esrahini Etan+ ne Mahol mma Heman+ ne Kalkol+ ne Darda mpo, na ɔnim nyansa sene wɔn. Ne din hyetaa aman a atwa ne ho ahyia nyinaa mu.+
-
-
2 Berɛsosɛm 1:10-12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 Ma me nyansa ne nimdeɛ+ a mede bɛdi ɔman yi anim,* ɛfiri sɛ wo man kɛseɛ yi deɛ, hwan na ɔbɛtumi abu wɔn atɛn?”+
11 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Ɛsiane sɛ wei na ɛwɔ w’akomam, na woammisa ahonyadeɛ, sika, animuonyam, anaa w’atamfo nkwa* anaasɛ nkwa tenten,* na mmom woabisa nyansa ne nimdeɛ a wode bɛbu me man a mede wo asi wɔn so hene no atɛn nti,+ 12 nyansa ne nimdeɛ no, mede bɛma wo, na ahonyadeɛ ne sika ne animuonyam nso, mɛma wo deɛ ahemfo a wɔdii w’anim no biara annya bi da, na obiara a ɔbɛdi w’akyi aba nso rennya bi.”+
-