18 Biribi wɔ hɔ a mahunu sɛ ɛyɛ na ɛfata. Ɛno ne sɛ onipa bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ afiri adwumaden a ɔbrɛ ne ho yɛ+ wɔ wiase no mu, adwumaden a ɔyɛ wɔ ne nkwa nna kakra a nokorɛ Nyankopɔn no de ama no no nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɛno ne n’akatua.*+
15 Enti mekaa sɛ anigyeɛ yɛ,+ ɛfiri sɛ adepa biara nni hɔ mma onipa wɔ wiase sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wagye n’ani. Berɛ a onipa yɛ adwumaden wɔ ne nkwa nna mu,+ nna a nokorɛ Nyankopɔn no de ama no wɔ wiase no, ɛsɛ sɛ ɔgye n’ani nso.