Yesaia 52:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 O Yerusalem, poroporo wo ho mfuturo, sɔre na tena ase. O Sion babaa a wɔakye wo, sane nhoma a ɛkyekyere wo kɔn no.+ Yeremia 29:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mfeɛ 70 no ba awieeɛ wɔ Babilon a, mɛtwa m’ani abɛhwɛ mo,+ na bɔ a mehyɛɛ sɛ mɛsan de mo aba ha no, mɛma no aba mu.’+ Yeremia 50:34 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 34 Nanso wɔn Gyefoɔ no ho yɛ den.+ Asafo Yehowa ne ne din.+ Deɛ ɛteɛ biara, ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn+Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma asaase no ahome,+Na wama Babilonfoɔ ho ayera wɔn.”+ Sakaria 9:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na wo, O ɔbaa, w’apam mogya no nti,Mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nnim mu.+
2 O Yerusalem, poroporo wo ho mfuturo, sɔre na tena ase. O Sion babaa a wɔakye wo, sane nhoma a ɛkyekyere wo kɔn no.+
10 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Sɛ mfeɛ 70 no ba awieeɛ wɔ Babilon a, mɛtwa m’ani abɛhwɛ mo,+ na bɔ a mehyɛɛ sɛ mɛsan de mo aba ha no, mɛma no aba mu.’+
34 Nanso wɔn Gyefoɔ no ho yɛ den.+ Asafo Yehowa ne ne din.+ Deɛ ɛteɛ biara, ɔbɛdi wɔn asɛm ama wɔn+Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma asaase no ahome,+Na wama Babilonfoɔ ho ayera wɔn.”+