Yesaia 5:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Asafo Yehowa bobefuo no ne Israel fie,+ Na afuo a n’ani ku ho no ne Yuda mmarima. Ɔkɔɔ so hwɛɛ atɛntenenee kwan,+Nanso hwɛ! ntɛnkyea na wɔbuiɛ;Ɔhwehwɛɛ adetenenee,Nanso hwɛ! esu ne nteateamu na ɔteeɛ.”+ Yesaia 59:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Nokorɛ ayera,+Na obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no, wɔsesa ne nneɛma fa. Yehowa hunui, na n’ani annye ho,*Ɛfiri sɛ na atɛntenenee biara nni hɔ.+ Yeremia 5:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Monkyini Yerusalem mmorɔno so. Montoto mo ani, na monhwɛ. Monhwehwɛ ne mmɔnten so nhwɛ sɛMobɛhunu onipa bi a ɔbu atɛntenenee,+A ɔyere ne ho sɛ ɔbɛdi nokorɛ anaa.Anka mede kuro no ho bɛkyɛ no. Amos 6:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Mohwɛ a, apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan so?Anaa obi de anantwie funtum abotan so? Moama atɛntenenee adane awuduro,Na moama tenenee aba adane awɔnwono.+ Habakuk 1:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wei nti mmara nyɛ adwuma,Na obiara mmu atɛntenenee. Ɛfiri sɛ abɔnefoɔ atwa ateneneefo ho ahyia,Ɛno nti na wɔkyea atemmuo.+
7 Asafo Yehowa bobefuo no ne Israel fie,+ Na afuo a n’ani ku ho no ne Yuda mmarima. Ɔkɔɔ so hwɛɛ atɛntenenee kwan,+Nanso hwɛ! ntɛnkyea na wɔbuiɛ;Ɔhwehwɛɛ adetenenee,Nanso hwɛ! esu ne nteateamu na ɔteeɛ.”+
15 Nokorɛ ayera,+Na obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no, wɔsesa ne nneɛma fa. Yehowa hunui, na n’ani annye ho,*Ɛfiri sɛ na atɛntenenee biara nni hɔ.+
5 Monkyini Yerusalem mmorɔno so. Montoto mo ani, na monhwɛ. Monhwehwɛ ne mmɔnten so nhwɛ sɛMobɛhunu onipa bi a ɔbu atɛntenenee,+A ɔyere ne ho sɛ ɔbɛdi nokorɛ anaa.Anka mede kuro no ho bɛkyɛ no.
12 Mohwɛ a, apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan so?Anaa obi de anantwie funtum abotan so? Moama atɛntenenee adane awuduro,Na moama tenenee aba adane awɔnwono.+
4 Wei nti mmara nyɛ adwuma,Na obiara mmu atɛntenenee. Ɛfiri sɛ abɔnefoɔ atwa ateneneefo ho ahyia,Ɛno nti na wɔkyea atemmuo.+