23 Na ɔman bɛn bio na ɛwɔ asaase so a ɛte sɛ wo man Israel?+ O Onyankopɔn, wogyee wɔn de wɔn yɛɛ wo man,+ na woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu+ maa wɔn de gyee din.+ Wo man a wogyee wɔn firii Egypt no, wɔn nti wopamoo amanaman no ne wɔn anyame.
10 Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ de twee Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asaase so nyinaa aso,+ ɛfiri sɛ na wonim sɛ wɔadi wo nkurɔfoɔ so ahantansɛm.+ Wode gyee din, na atena hɔ abɛsi nnɛ.+