-
Yesaia 20:3, 4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Na Yehowa kaa sɛ: “Sɛdeɛ m’akoa Yesaia de adagya nantee mfeɛ mmiɛnsa a wanhyɛ mpaboa na ɔde yɛɛ sɛnkyerɛnne+ ne kɔkɔbɔ maa Egypt+ ne Etiopia+ no, 4 saa ara na Asiria hene de wɔn a wɔakye wɔn afiri Egypt,+ ne Etiopiafoɔ a wɔatu wɔn afiri wɔn man mu, mmeranteɛ ne nkɔkoraa nyinaa bɛkɔ wɔ adagya mu. Wɔrenhyɛ mpaboa, na wɔn to ho bɛgu hɔ, na Egypt bɛda adagya.*
-
-
Yeremia 43:10, 11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 Afei ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Hwɛ, meresoma akɔfa Babilon hene Nebukadnesar* m’akoa no aba,+ na mede n’ahennwa bɛsi aboɔ a mede asie yi so, na ɔbɛtrɛ n’ahennie ntomadan mu wɔ so.+ 11 Na ɔbɛba abɛto ahyɛ Egypt asaase no so.+ Deɛ ɔfata owuyareɛ no, owuyareɛ bɛku no. Deɛ ɔfata sɛ wɔkye no no, wɔbɛkye no akɔ. Na deɛ ɔfata sekan no, sekan bɛku no.+
-