16 Bio nso, Manase hwiee mogya a ɛdi bem bebree gui. Ɔkunkum nnipa firii Yerusalem tire kɔsii tire,+ ɛsono bɔne a ɔyɛeɛ a ɛnam so maa Yuda nso yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so no.
15 Wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mprɛ pii, ɛfiri sɛ na ne man ne n’asɔrefie* no yɛ no mmɔbɔ. 16 Nanso wɔkɔɔ so goroo nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo baa ne man so,+ kɔsii sɛ wɔannya ayaresa bio.