11 Baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no,+ ɛhɔ na momfa deɛ maka ho asɛm yi nyinaa nkɔ: Mo hyeɛ afɔreɛ, mmoa a mobɛkum wɔn abɔ afɔreɛ foforɔ, mo ntotosoɔ du du,*+ mo ntoboa, ne biribiara a moahyɛ bɔ sɛ mode bɛma Yehowa.
12 Ɛnyɛ Hesekia korɔ yi ara na ɔyiyii mo Nyankopɔn sorɔnsorɔmmea*+ ne n’afɔrebukyia+ na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: “Afɔrebukyia baako anim na monkoto, na ɛno ara so na monhye afɔrebɔdeɛ”+ no?