2 Ahemfo 18:30 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 30 Monnni Hesekia akyi mmfa mo ho nnto Yehowa so nnka sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara Yehowa bɛgye yɛn, na ɔremfa kuro yi nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 2 Ahemfo 18:35 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 35 Aman yi anyame nyinaa mu hwan na watumi agye ne man afiri me nsam a enti Yehowa bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?”’”+ Yesaia 10:12, 13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Na sɛ Yehowa wie dwuma a ɔbɛdi wɔ Sion Bepɔ so ne Yerusalem nyinaa a, Ɔbɛtwe* Asiria hene aso ɛsiane n’akoma a apirim ne n’ani a atra n’ani ntɔn no nti.+ 13 Ɛfiri sɛ ɔka sɛ,‘Mede me nsam tumiNe me nyansa bɛyɛ adeɛ, ɛfiri sɛ mewɔ nyansa. Mɛyiyi aman no ahyeɛ afiri hɔ+Na mafom wɔn akoradeɛ,+Na maka emufoɔ agu sɛ ɔhoɔdenfoɔ.+
30 Monnni Hesekia akyi mmfa mo ho nnto Yehowa so nnka sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara Yehowa bɛgye yɛn, na ɔremfa kuro yi nhyɛ Asiria hene nsa.”+
35 Aman yi anyame nyinaa mu hwan na watumi agye ne man afiri me nsam a enti Yehowa bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?”’”+
12 “Na sɛ Yehowa wie dwuma a ɔbɛdi wɔ Sion Bepɔ so ne Yerusalem nyinaa a, Ɔbɛtwe* Asiria hene aso ɛsiane n’akoma a apirim ne n’ani a atra n’ani ntɔn no nti.+ 13 Ɛfiri sɛ ɔka sɛ,‘Mede me nsam tumiNe me nyansa bɛyɛ adeɛ, ɛfiri sɛ mewɔ nyansa. Mɛyiyi aman no ahyeɛ afiri hɔ+Na mafom wɔn akoradeɛ,+Na maka emufoɔ agu sɛ ɔhoɔdenfoɔ.+