Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yesaia 2:2, 3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  2 Awieeɛ nna* no mu no,

      Yehowa fie bepɔ

      Bɛtim wɔ mmepɔ atifi,+

      Na wɔbɛma so asene nkokoɔ,

      Na aman nyinaa bɛsene yuu akɔ hɔ.+

       3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:

      “Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔ so,

      Nkɔ Yakob Nyankopɔn fie.+

      Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan,

      Na yɛbɛnante n’akwan* so.”+

      Na Sion na mmara* bɛfire,

      Na Yerusalem na Yehowa asɛm bɛfire.+

  • Yesaia 56:6, 7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Na ahɔhoɔ a wɔaba Yehowa nkyɛn sɛ wɔrebɛsom no

      Na wɔadɔ Yehowa din,+

      Na wɔayɛ n’asomfoɔ,

      Wɔn a wɔdi Homeda a wɔngu ho fĩ

      Na wɔkura m’apam mu dendeenden nyinaa no,

       7 Me nso mede wɔn

      bɛba me bepɔ kronkron no so+

      Na mama wɔadi ahurisie wɔ me mpaebɔ fie.

      Wɔn hyeɛ afɔreɛ ne wɔn afɔreɛ ahodoɔ nyinaa, wɔbɛgye no wɔ m’afɔrebukyia so.

      Na wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama aman nyinaa.”+

  • Yesaia 60:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  3 Aman bɛba wo hann ho,+

      Na ahemfo+ aba w’animuonyam a ɛhyerɛn no ho.*+

  • Mika 4:1, 2
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Awieeɛ nna* no mu no,

      Yehowa fie bepɔ+

      Bɛtim wɔ mmepɔ atifi,

      Na wɔbɛma so asene nkokoɔ,

      Na amanaman bɛsene yuu akɔ hɔ.+

       2 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ:

      “Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔ so,

      Nkɔ Yakob Nyankopɔn fie.+

      Ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan,

      Na yɛbɛnante n’akwan so.”

      Na Sion na mmara* bɛfire,

      Na Yerusalem na Yehowa asɛm bɛfire.

  • Sakaria 2:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 “Saa da no, aman pii de wɔn ho bɛbata Yehowa ho,+ na wɔbɛyɛ me man; na mɛtena wo mu.” Na wobɛhunu sɛ asafo Yehowa na asoma me aba wo nkyɛn.

  • Sakaria 8:22, 23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Na aman pii ne aman akɛseɛ bɛba abɛhwehwɛ asafo Yehowa akyiri akwan wɔ Yerusalem,+ na wɔbɛkoto asrɛ Yehowa sɛ ɔnhu wɔn mmɔbɔ.’

      23 “Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Saa berɛ no, nnipa du a wɔka amanaman no kasa hodoɔ nyinaa+ bɛsosɔ Yudani* baako ataadeɛ* mu, aane, wɔbɛsosɔ mu dendeenden aka sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛne mo kɔ,+ ɛfiri sɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane