19 Amon+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 22, na ɔdii adeɛ mfeɛ mmienu wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Mesulemet, na na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yotba no ba. 20 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne papa Manase yɛeɛ no.+
8 Yehoiakin+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 18, na ɔdii adeɛ abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Nehusta, na na ɔyɛ Elnatan a ɔfiri Yerusalem no ba. 9 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne papa yɛeɛ no ara.