10 “Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm nie,
“Na mmɔ hu, O Israel.+
Ɛfiri sɛ mɛgye wo afiri akyirikyiri,
Na magye wo mma afiri asaase a wɔakye wɔn kɔ so no so.+
Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛtena hɔ dwoodwoo, na obiara renteetee no,
Na obiara renhunahuna wɔn.”+
11 “Ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo,” Yehowa asɛm nie,
“Na aman a mabɔ wo ahwete so no, mɛhye wɔn nyinaa ase.+
Nanso wo deɛ, merenhye w’ase.+
Mɛtene wo so sɛdeɛ ɛfata,
Na meremma womfa wo ho nni da.”+