-
Yeremia 18:7-10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Berɛ biara a mɛka sɛ mɛtutu ɔman anaa ahennie bi ase na madwiri agu asɛe no no,+ 8 sɛ saa ɔman no gyae ne bɔne a mekasa tiaeɛ no a, me nso, mmusuo a mabɔ me tirim sɛ mede bɛba wɔn so no, mɛsesa m’adwene.*+ 9 Na berɛ biara nso a mɛka sɛ mɛkyekyere ɔman bi anaa mɛhyehyɛ ahennie bi no, 10 sɛ wɔyɛ bɔne wɔ m’ani so, na wɔantie m’asɛm a, adepa a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ ama wɔn no, mɛsesa m’adwene.’*
-
-
Yeremia 24:5, 6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie, ‘Sɛdeɛ borɔdɔma a ɛyɛ yi teɛ no, saa ara na Yudafoɔ a metuu wɔn firii ha kɔɔ Kaldeafoɔ asaase so no, mɛbu wɔn sɛ wɔyɛ. 6 Mede m’ani bɛdi wɔn akyi ama no asi wɔn yie, na mɛma wɔasan aba asaase yi so.+ Mede wɔn bɛsisi hɔ, na merennwiri wɔn ngu; mɛdua wɔn, na merentutu wɔn ase.+
-