10 Na Yosua kaa sɛ: “Wei na mode bɛhunu sɛ Onyankopɔn teasefoɔ bi wɔ mo mu.+ Ɔbɛpamo Kaananfoɔ ne Hitifoɔ ne Hiwifoɔ ne Perisifoɔ ne Girgasifoɔ ne Amorifoɔ ne Yebusifoɔ afiri mo anim.+
26 Merehyɛ mmara sɛ, ahennie a medi so tumi nyinaa mu no, obiara ho mpopo na ɔnsuro Daniel Nyankopɔn no.+ Ɛfiri sɛ ɔno ne Onyankopɔn teasefoɔ no, na ɔte hɔ daa. N’ahennie rensɛe da, na ne tumi* wɔ hɔ daa.+