-
Numeri 13:26, 27Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
26 Enti wɔsan baa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa nkyɛn wɔ Paran serɛ so wɔ Kades.+ Wɔbɛkaa deɛ wɔhunuiɛ kyerɛɛ asafo no nyinaa, na wɔde asaase no so nnɔbaeɛ no kyerɛɛ wɔn. 27 Deɛ wɔka kyerɛɛ Mose nie: “Yɛkɔɔ asaase a wosomaa yɛn so no so, na ampa, nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so,+ na ɛso nnɔbaeɛ no bi nie.+
-
-
Deuteronomium 6:10, 11Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 “Afei sɛ Yehowa wo Nyankopɔn de wo duru asaase a ɔkaa ntam kyerɛɛ w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob sɛ ɔde bɛma wo no so,+ na ɔma wo nkuro akɛseɛ fɛfɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyereeɛ,+ 11 afie a nneɛma pa ahodoɔ nyinaa bi ayɛ mu ma a ɛnyɛ wo na woyɛɛ ho adwuma, mmura a ɛnyɛ wo na wotuiɛ ne bobefuo* ne ngo nnua a ɛnyɛ wo na woduaeɛ, na sɛ wodidi mee a,+
-
-
Deuteronomium 8:7-9Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
7 Yehowa wo Nyankopɔn de wo rekɔ asaase pa so;+ asaase a nsubɔnten, nsuwansuwa, ne atadeɛ a ɛfiri abɔn ne mmepɔ mu sene wɔ so. 8 Ɛyɛ asaase a hwiit, baali,* bobe, borɔdɔma nnua, granate akutuo,*+ ngodua, ne ɛwoɔ wɔ so.+ 9 Ɛyɛ asaase a ɛkɔm renne wo wɔ so na hwee renhia wo wɔ hɔ; ɛyɛ asaase a aboɔ a ɛwɔ so no, nnadeɛ ayɛ mu ma, na wobɛtu kɔbere afiri ne mmepɔ mu.
-