15 “Nanso sɛ woanyɛ aso antie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni ne mmara ne n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so a, ɛnneɛ nnome yi nyinaa bɛba wo so na abunkam wo so:+
25 Yehowa bɛma woadi nkoguo wɔ w’atamfo anim.+ Wobɛfa kwan baako so akɔ wɔn so, nanso akwan nson na wobɛfa so adwane afiri wɔn anim, na ɛbɛma asaase so ahemman nyinaa ho adwiri wɔn.+
9 Baabiara a mɛhwete wɔn akɔ no,+ mɛma wɔadane biribi a ɛyɛ hu ne abusudeɛ ama asaase so ahennie nyinaa,+ na mɛma wɔn anim agu ase, na wɔde wɔn bɛbu bɛ, na wɔahwɛ wɔn asere, na wɔayɛ nnome.+