31 Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Egypt kɔpɛ mmoa,+
Na wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,+
Na wɔde wɔn werɛ hyɛ ɛko nteaseɛnam mu ɛsiane sɛ ɛdɔɔso nti,
Na wɔde wɔn werɛ hyɛ apɔnkɔ a wɔde kɔ ɛko mu ɛsiane sɛ wɔn ho yɛ den nti.
Nanso Israel Kronkronni no deɛ, wɔmfa wɔn ho nto ne so,
Na wɔnhwehwɛ Yehowa akyiri akwan.