-
Yeremia 8:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
8 “Saa berɛ no,” Yehowa asɛm nie, “wɔbɛyiyi Yuda ahemfo nnompe ne ne mpanimfoɔ nnompe ne asɔfoɔ nnompe ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn adamena mu. 2 Na wɔbɛbaabaa mu akyerɛ awia ne bosome ne ɔsoro asafo a wɔdɔɔ wɔn, na wɔsom wɔn, na wɔdii wɔn akyi, na wɔhwehwɛɛ wɔn akyiri akwan, na wɔkotoo wɔn no nyinaa.+ Wɔremmoa ano, na wɔrensie. Ɛbɛyɛ sumina* wɔ asaase ani.”+
-