Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 4:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Sɛ woma w’ani so hwɛ soro na wohu awia, bosome, ne nsoromma, kyerɛ sɛ, ɔsoro asafo nyinaa a, mma no nntwetwe wo mma wonnkɔsom wɔn.+ Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa.

  • 2 Ahemfo 17:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Wɔgyaa Yehowa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ nyinaa, na wɔde dadeɛ yɛɛ nantwie mma ahoni* mmienu,+ wɔyɛɛ ɔbosom dua,*+ wɔkotoo ɔsoro asafo nyinaa,+ na wɔsom Baal.+

  • 2 Ahemfo 21:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 Manase+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 12, na ɔdii adeɛ mfeɛ 55 wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Hefsiba.

  • 2 Ahemfo 21:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 Sorɔnsorɔmmea* a ne papa Hesekia bubuiɛ no,+ ɔsan sisiiɛ, na ɔsisii afɔrebukyia maa Baal; ɔsii ɔbosom dua*+ sɛdeɛ Israel hene Ahab yɛeɛ no;+ ɔkotoo ɔsoro asafo nyinaa, na ɔsom wɔn.+

  • Yeremia 19:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Na Yerusalem afie ne Yuda ahemfo afie ho bɛgu fĩ te sɛ ɛha yi, Tofet,+ aane, ɛdan biara a wɔbɔɔ afɔreɛ wɔ atifi maa ɔsoro asafo nyinaa+ na wɔhwiee afɔrebɔ nsã wɔ hɔ maa anyame foforɔ no.’”+

  • Hesekiel 8:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Enti ɔde me kɔɔ Yehowa fie adihɔ a ɛwɔ mfimfini hɔ no.+ Yehowa asɔrefie kwan ano, abrannaa no ne afɔrebukyia no ntam no, mehuu mmarima 25 a wɔn akyi kyerɛ Yehowa asɔrefie no na wɔn anim hwɛ apueeɛ fam sɛ wɔrekoto awia wɔ apueeɛ fam.+

  • Sefania 1:4, 5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 “Mɛtene me nsa wɔ Yuda so,

      Ne Yerusalemfoɔ nyinaa so,

      Na mɛpra Baal ho biribiara afiri ha,+

      Na wɔrenkae akɔmfoɔ* ne asɔfoɔ no din bio.+

       5 Mɛpra wɔn a wɔkɔ adan atifi kɔkoto ɔsoro asafo no akɔ.+

      Na wɔn a wɔkoto Yehowa na wɔka no ntam,+

      A wɔtwa wɔn ho ka Malkam ntam no,+ mɛpra wɔn akɔ;

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane