22 Na Yuda kɔɔ so yɛɛ Yehowa ani so bɔne,+ na nneɛma bɔne a wɔyɛeɛ no hyɛɛ no abufuo mpo kyɛn wɔn agyanom deɛ.+23 Wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea,* abosom adum, ne abosonnua*+ wɔ nkokoɔ atenten nyinaa so+ ne nnua kusuu nyinaa bi ase.+
13 Na wɔbɛhu sɛ mene Yehowa+ berɛ a wɔn nkurɔfoɔ awuwu gu wɔn abosom fĩ ntam, wɔn afɔrebukyia ho nyinaa,+ nkokoɔ atenten nyinaa so, mmepɔ nyinaa so, ne nnua kusuu ne nnua akɛseɛ ase, faako a wɔbɔ afɔreɛ hwamhwam ma wɔn abosom fĩ nyinaa no.+