Hiob 3:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 “Ma ɛda a wɔwoo me no nyera,+Na ma anadwo a obi kaa sɛ, ‘Wɔanyinsɛn ɔbabarima!’ no nso nyera. Yeremia 15:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 O me maame, adɛn koraa na wowoo me?+ Mayɛ onipa a asaase no nyinaa ne me reham na wɔne me retwe manso. Obiara mmɛbɔɔ me hɔ bosea, na me nso menkɔgyee obiara hɔ bosea;Nanso obiara redome me.
10 O me maame, adɛn koraa na wowoo me?+ Mayɛ onipa a asaase no nyinaa ne me reham na wɔne me retwe manso. Obiara mmɛbɔɔ me hɔ bosea, na me nso menkɔgyee obiara hɔ bosea;Nanso obiara redome me.