3 Ɛyɛ Yehowa asɛm a ɔkaeɛ no na ampa ara ɛbaa mu wɔ Yuda so. Ɔkaa sɛ ɔbɛto wɔn afiri n’anim atwene+ ɛsiane bɔne a Manase yɛeɛ nyinaa+4 ne mogya a ɛdi bem a ɔhwie guiɛ nti,+ ɛfiri sɛ ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma. Ɛno nti Yehowa ampɛ sɛ ɔde bɔne no bɛkyɛ.+
6 na sɛ moanhyɛ hɔhoɔ ne agyanka ne okunafoɔ so,+ na moanhwie mogya a ɛdi bem angu wɔ ha, na sɛ moankɔdi anyame foforɔ akyi amfa amanehunu amma mo so a,+7 ɛnneɛ mɛma moakɔ so atena ha, asaase a mede maa mo agyanom sɛ wɔntena so afebɔɔ* no.”’”