4 Na Yehowa somaa ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn. Ɔsomaa wɔn mprɛ pii, nanso moantie, na moanyɛ aso antie.+ 5 Wɔkaa sɛ, ‘Yɛpa mo kyɛw, obiara ntwe ne ho mfiri ne kwammɔne ne ne nneyɛɛ bɔne ho,+ na ama moakɔ so atena asaase a Yehowa de maa mo ne mo agyanom firi tete no so akyɛ.