Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 17:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Yehowa nam n’adiyifoɔ ne adehunufoɔ no nyinaa so+ bɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ sɛ: “Montwe mo ho mfiri mo akwammɔne ho!+ Afei me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ, ne mmara a mede maa mo agyanom na menam me nkoa a wɔyɛ adiyifoɔ no so de brɛɛ mo no nyinaa, monni so.”

  • Yesaia 55:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  7 Ma ɔbɔnefoɔ nnya ne kwan,+

      Na onipabɔnefoɔ nsakra n’adwene;

      Ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na ɔbɛhu no mmɔbɔ,+

      Ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde bɛkyɛ no aboro so.*+

  • Yeremia 18:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 “Enti mepa wo kyɛw, ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mereboaboa mmusuo bi ano* aba mo so, na mabɔ pɔ bi atia mo. Mesrɛ mo, montwe mo ho mfiri mo akwammɔne ho, na monyɛ mo akwan ne mo nneyɛɛ yie.”’”+

  • Yeremia 35:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Na mekɔɔ so somaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa baa mo nkyɛn; mesomaa wɔn mprɛ pii*+ bɛka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mepa mo kyɛw, obiara nsan mfiri ne kwammɔne so+ na monyɛ adepa! Monnkɔdi anyame foforɔ akyi, na monnsom wɔn. Sɛ motie me a, mobɛtena asaase a mede maa mo ne mo agyanom no so daa.’+ Nanso moanyɛ aso amma me, na moantie me.

  • Hesekiel 18:30
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 30 “‘Enti Israel fie, mɛbu mo mu biara atɛn sɛdeɛ n’akwan teɛ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie. ‘Monsan, montwe mo ho koraa mfiri mo akwammɔne nyinaa ho, na mommma no nnyɛ suntidua mmma mo na asodie ammɛda mo so.

  • Hesekiel 33:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie: ‘“Mete ase yi, m’ani nnye ɔbɔnefoɔ wuo ho;+ deɛ mepɛ ne sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsesa n’akwan+ na wanya nkwa.+ Enti monsan, monsan mfiri mo akwammɔne so.+ O Israel fie, adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ mowuwuo?”’+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane