15 Ɛno nti, adiyifoɔ a mensomaa wɔn a wɔde me din hyɛ nkɔm ka sɛ sekan anaa ɛkɔm biara remma asaase yi so no, deɛ Yehowa aka afa wɔn ho nie: ‘Sekan ne ɛkɔm na ɛbɛkunkum saa adiyifoɔ no.+
2 “Onipa ba, hyɛ Israel adiyifoɔ no ho nkɔm,+ na ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim* hyɛ nkɔm+ no sɛ, ‘Montie Yehowa asɛm. 3 Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Adiyifoɔ nkwaseafoɔ no nnue! Wɔn na wɔdi wɔn ara wɔn honhom akyi berɛ a wɔnhunuu hwee.+