Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 13:1-5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 “Sɛ odiyifoɔ anaa obi a ɔnam daeɛ so ka daakye asɛm sɔre wɔ wo kurom na sɛ ɔka sɛ sɛnkyerɛnne anaa anwanwadeɛ bi bɛsi, 2 na sɛnkyerɛnne anaa anwanwadeɛ a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wo no ba mu na ɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Momma yɛnkɔdi anyame foforo’ a monnim wɔn ‘akyi nkɔsom wɔn’ a, 3 ɛnsɛ sɛ motie saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no anom asɛm.+ Monhu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de resɔ mo ahwɛ+ sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa dɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ anaa. 4 Yehowa mo Nyankopɔn akyi na monni, ɔno na monsuro no, n’ahyɛdeɛ so na monni, n’asɛm na montie, ɔno na monsom no, na ɔno na mommata ne ho.+ 5 Mmom saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no deɛ, monku no,+ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma mosɔre tia Yehowa mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so na ɔgyee mo no. Ɔpɛ sɛ momane firi ɛkwan a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ momfa so no so; monyi adebɔne no mfiri mo mu.+

  • Yeremia 28:11-17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Na Hanania kaa no wɔ ɔman no nyinaa anim sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Saa na mɛbubu Babilon hene Nebukadnesar kɔndua no afiri aman nyinaa kɔn ho; akyɛ ara ne mfeɛ mmienu.’”+ Ɛnna odiyifoɔ Yeremia siim kɔɔ ne kwan.

      12 Berɛ a odiyifoɔ Hanania yii kɔndua no firii odiyifoɔ Yeremia kɔn ho bubuu mu wieeɛ no, Yehowa asɛm yi baa Yeremia nkyɛn sɛ: 13 “Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Dua kɔndua na woabubu mu;+ dadeɛ kɔndua na wobɛyɛ asi ananmu.” 14 Na deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Mede dadeɛ kɔndua bɛto aman yi nyinaa kɔn ho ama wɔasom Babilon hene Nebukadnesar, na wɔbɛsom no.+ Wuram mmoa mpo, mede wɔn bɛma no.”’”+

      15 Na odiyifoɔ Yeremia ka kyerɛɛ odiyifoɔ Hanania+ sɛ: “O Hanania, mepa wo kyɛw, tie! Yehowa nsomaa wo, nanso woama ɔman yi de wɔn ho ato asɛm a ɛyɛ atorɔ so.+ 16 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ! Mereyi wo afiri asaase so. Afe yi, wobɛwu, ɛfiri sɛ woahyɛ nkurɔfoɔ nkuran sɛ wɔnte atua ntia Yehowa.’”+

      17 Enti odiyifoɔ Hanania wuu saa afe no ara mu, bosome a ɛtɔ so nson no mu.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane